Psaumes 112
Heureux l'homme qui craint le Seigneur
Monkamfo Awurade. Nhyira nka onipa a osuro Awurade na onya nʼahyɛde mu anigye pii. 2Ne mma bɛyɛ atumfo wɔ asase no so; atreneefo awo ntoatoaso benya nhyira. 3Ahonya ne sika wɔ ne fi, na ne trenee tena hɔ daa.
4Sum mu mpo hann pue ma nnipa a wɔteɛ, ma ɔdomfo, mmɔborɔhunufo ne ɔnokwafo. 5Yiyedi bɛba wɔn a wɔn tirim yɛ mmerɛw na wɔde fɛm kwa, wɔn a wɔde atɛntrenee yɛ wɔn nneɛma no so. 6Ampa ara ɔrenhinhim da biara da; wɔbɛkae onipa trenee daa.
7Ɔte asɛmmɔne a, ɛmmɔ no hu; ne koma si pi wɔ Awurade mu ahotoso mu. 8Ne koma wɔ bammɔ, na onsuro; awiei no ɔde nkonimdi behyia nʼatamfo. 9Ɔtow nʼakyɛde pete aman so ma ahiafo nea wohia, nʼadɔe no tena hɔ daa; wɔbɛkae wɔn daa na wɔahyɛ wɔn anuonyam.
10Omumɔyɛfo behu ama ayɛ no yaw, ɔbɛtwɛre ne se na wafɔn; omumɔyɛfo tirimpɔw bɛyɛ ɔkwa.