Psaumes 111

Le commencement de la sagesse

Monkamfo Awurade! Mefi me koma nyinaa mu ama Awurade so wɔ atreneefo aguabɔ ne asafo no mu. 2Awurade nnwuma yɛ akɛse; wɔn a wɔn ani gye ho nyinaa susuw ho. 3Ne nnwuma yɛ tumi ne anuonyam, na ne trenee wɔ hɔ daa.

4Ɔma yɛkae nʼanwonwade; Awurade yɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo. 5Ɔma wɔn a wosuro no no aduan; ɔkae nʼapam no daa. 6Wakyerɛ ne nkurɔfo tumi a ɛwɔ ne nnwuma mu, sɛ ɔde aman afoforo nsase ama wɔn.

7Ne nsa ano nnwuma yɛ nokware na ɛteɛ; nʼahyɛde nyinaa mu wɔ ahotoso. 8Etim hɔ daa daa, nokware ne trenee mu na ɔyɛe. 9Ɔde ogye maa ne nkurɔfo; ɔde nʼapam sii hɔ afebɔɔ, ne din yɛ kronkron na ɛyɛ hu.

10Awurade suro yɛ nyansa mfiase; wɔn a wodi nʼahyɛde so nyinaa wɔ nhumu pa. Ɔno na daa ayeyi wɔ no.

Copié !
Aa