Psaumes 8
Qu'est-ce que l'homme
Dawid dwom. Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi wiase mmaa nyinaa. Wode wʼanuonyam atimtim ɔsoro nohɔ, 2mmofra ne nkokoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfo nti; na wode bɔ atamfo ne aweretɔfo ano. 3Sɛ mehwɛ wo ɔsorosoro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsram ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a, 4onipa ne hena a wokae no, na onipa ba nso ne hena a wʼani ku ne ho?
5Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sen abɔfo na wode wʼanuonyam ne nidi abɔ no abotiri. 6Woyɛɛ no ɔsodifo maa wo nsa ano nnwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ nʼanan ase: 7nguankuw ne anantwikuw nyinaa ne wuram mmoa nso, 8wim nnomaa ne po mu mpataa, nea ɛnenam po mu akwan so nyinaa.
9Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛse wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Ɔba no wu”.
Copié !
Aa