Psaumes 28
Vers toi je crie, mon rocher
Dawid dwom. Wo na misu frɛ wo, Awurade me Botan; nsiw wʼaso wɔ me ho. Sɛ woyɛ komm a, mɛyɛ sɛ wɔn a wɔasian kɔ amoa mu no. 2Tie me mmɔborɔsu bere a mefrɛ wo apɛ mmoa, bere a mema me nsa so kyerɛ wo Tenabea Kronkron hɔ. 3Mfa me mfra amumɔyɛfo mu ntwe me nkɔ, mfa me nka wɔn a wɔyɛ bɔne no ho. Wɔne wɔn yɔnkonom kasa fɛfɛ, nanso wɔde ɔtan sie wɔn koma mu.
4Twe wɔn aso wɔ nea wɔayɛ no so; wɔn adwuma bɔne no so; tua nea wɔde wɔn nsa ayɛ so ka na fa nea ɛfata wɔn san bra wɔn so. 5Sɛ wommu nea Awurade ayɛ ne nea ɔde ne nsa ayɛ no nti ɔbɛbrɛ wɔn ase na ɔremma wɔnnsɔre bio. 6Ayeyi nka Awurade, efisɛ watie me mmɔborɔsu.
7Awurade ne mʼahoɔden ne me nkatabo me koma wɔ ne mu ahotoso, na ɔboa me. Me koma di ahurusi na mede dwonto bɛda no ase. 8Awurade yɛ ahoɔden ma ne nkurɔfo; ne nkwagye nsraban ma nea wɔasra no ngo. 9Gye wo nkurɔfo na hyira wʼagyapade; yɛ wɔn hwɛfo, na wo ne wɔn nnantew afebɔɔ.