Psaumes 124

Sans le Seigneur qui fut pour nous

Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Sɛ anka Awurade nni yɛn afa a, ma Israel nka, 2Sɛ anka Awurade nni yɛn afa bere a nnipa tow hyɛɛ yɛn so, 3bere a wɔn abufuw sɔre tiaa yɛn a anka wɔmemenee yɛn anikann; 4anka nsuyiri no bebu afa yɛn so, anka ɔhweam no bɛtwe yɛn akɔ, 5anka nsu a ano yɛ den no bɛpra yɛn kɔ.

6Ayeyi nka Awurade a wamma ho kwan amma wɔamfa wɔn se antetew yɛn mu. 7Yɛaguan sɛ anomaa afi ofirisumfo afiri mu; wɔabubu afiri no, ama yɛaguan. 8Yɛn mmoa wɔ Awurade din mu, ɔsoro ne asase Yɛfo no.

Copié !
Aa