Salmi 132
Il giuramento fatto a Davide
Ɔsoroforo dwom. Awurade kae Dawid ne ɔhaw ahorow a ogyinaa ano no. 2Ɔkaa Awurade ntam, na ɔhyɛɛ nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob no bɔ se, 3“Merenhyɛn me fi na merenkɔda me mpa so, 4meremma nna mmfa me na meremma mʼani nkum, 5kosi sɛ menya baabi ama Awurade, baabi a nea ɔyɛ Otumfo ma Yakob No bɛtena.” 6Yɛtee wɔ Efrata, yɛbɛtoo so wɔ Yaar mfuw so.
7“Momma yɛnkɔ nʼatenae; momma yɛnsom wɔ ne nan ntiaso hɔ. 8‘Awurade, sɔre bra wʼahomegyebea, wo ne wo tumi adaka no. 9Ma trenee nyɛ sɛ ntade mma wʼasɔfo; ma wʼahotefo nto ahurusi nnwom.’ ” 10Wo somfo Dawid nti, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so.
11Awurade kaa ntam kyerɛɛ Dawid, nokware ntam a ɔntwe nsan se, “Wʼasefo no mu baako na mede no bɛtena wʼahengua so. 12Sɛ wo mmabarima di mʼapam so na wotie me nkyerɛkyerɛ a, ɛno de wɔn mmabarima bɛtena wʼahengua so afebɔɔ.” 13Awurade ayi Sion, ɔde hɔ ayɛ nʼatenae: 14“Ɛha ne mʼahomegyebea daa nyinaa; ɛha na mɛtena adi hene, efisɛ ha na mepɛ, 15mede nneɛma pa bebree behyira no na mama nʼahiafo adidi amee.
16Mede nkwagye befura nʼasɔfo, na nʼahotewfo ato ahurusi nnwom daa. 17“Mɛma obirɛmpɔn bi apue wɔ Dawid ahenni mu, na mede kanea asi hɔ ama nea masra no ngo no. 18Mede aniwu befura nʼatamfo, nanso wɔbɛhyɛ no ahenkyɛw a ɛhyerɛn.”