Salmi 131

Come un bimbo svezzato

Ɔsoroforo dwom. Dawid de. Awurade, ahomaso nni me koma mu, na mʼani ntraa me ntɔn ɛ; memma nsɛm akɛse nhaw me anaa nsɛm a ɛyɛ nwonwa dodo ma me. 2Na mmom, mama me kra anya abotɔyam te sɛ akokoaa a ɔda ne na so renum no, te sɛ akokoaa a otua nufu ano no, saa ara na me kra ayɛ wɔ me mu. 3Israel, ma wʼani nna Awurade so, mprempren ne daa nyinaa.

Copiato!
Aa