Salmi 26

Esaminami, Signore

Dawid dwom. Bu me bem, Awurade, efisɛ, mabɔ bra a asɛm nni ho: mede me ho too Awurade so na manhinhim. 2Sɔ me hwɛ, Awurade, hwehwɛ me koma ne mʼadwene mu. 3Wʼadɔe wɔ mʼanim daa na mɛnantew wo nokware mu.

4Me ne nnaadaafo ntena na me ne nyaatwomfo nso nni hwee yɛ. 5Mikyi nnebɔneyɛfo guabɔ na mempɛ sɛ me ne amumɔyɛfo tena. 6Mehohoro me nsa wɔ bembu mu, na mekɔ wʼafɔremuka ho ahyia, Awurade, 7na mepae mu ka wʼayeyi na meka wʼanwonwade nyinaa.

8Mʼani gye ofi a wote mu ho, Awurade, faako a wʼanuonyam wɔ no. 9Mfa me kra nka nnebɔneyɛfo de ho nkɔ, ne me nkwa nka mogyapɛfo de ho, 10wɔn a amumɔyɛ nhyehyɛe wɔ wɔn nsam na adanmude ayɛ wɔn nsa nifa ma.

11Nanso mebɔ ɔbra a ho tew; hu me mmɔbɔ na gye me nkwa. 12Mʼanan sisi asase tamaa so; na guabɔ kɛse ase na mɛkamfo Awurade.

Copiato!
Aa