Salmi 24

Al Signore appartiene la terra

Dawid dwom. Asase ne nea ɛwɔ mu nyinaa yɛ Awurade de; wiase ne wɔn a wɔte mu nyinaa wɔ no; 2efisɛ ɔno na ɔtoo ne fapem wɔ po so na ɔde sii nsu ani. 3Hena na obetumi aforo Awurade bepɔw no? Hena na obetumi agyina ne tenabea kronkron hɔ?

4Nea ɔyɛ ade trenee na ne koma mu tew, nea ne kra nni ahoni akyi na ɔnka ntamhunu. 5Obenya Awurade nsam nhyira ne bembu a efi ne Nkwagye Nyankopɔn. 6Saa na awo ntoatoaso a wɔhwehwɛ Awurade no te wɔn a wɔhwehwɛ wʼanim no, Yakob Nyankopɔn.

7Mo aponkɛse, momma mo ti so; wɔmma mo so, mo tete apon, na Anuonyam Hene nhyɛn mu. 8Hena ne saa Anuonyam Hene yi? Ɔno ne Awurade hoɔdenfo ne otumfo no Awurade a ɔyɛ ɔko mu nkonimdifo. 9Momma mo ti so, mo aponkɛse momma wɔn so, mo tete apon, na anuonyam Hene no nkɔ mu.

10Hena ne saa anuonyam Hene yi? Asafo Awurade no, ɔno ne anuonyam Hene no.

Copiato!
Aa