Salmi 148

Lo lodino il cielo e la terra

Monkamfo Awurade! Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro, monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea. 2Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no, ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no. 3Owia ne ɔsram, monkamfo no, nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

4Monkamfo no, ɔsoro mu soro ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi. 5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din, efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn. 6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ; na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

7Monkamfo Awurade mfi asase so, mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa, 8anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum, ahum a moyɛ nʼapɛde, 9mo mmepɔw ne nkoko nyinaa, nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa, 10nwura mu mmoa ne anantwi, abɔde nketewa ne nnomaa a wotu, 11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo, mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa, 12mmerante ne mmabaa, mmasiriwa ne mmofra nso.

13Ma wɔnkamfo Awurade din, na ne din so sen din biara; nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so. 14Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo, nʼahotewfo nyinaa nkamfo; Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo. Monkamfo Awurade.

Copiato!
Aa