Salmi 142

Nessuno si cura dell'anima mia

Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ. Meteɛ mu su frɛ Awurade; mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ. 2Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim; meka me haw kyerɛ no. 3Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a, ɛyɛ wo na wunim me kwan. Ɔkwan a menam so no nnipa asum me afiri.

4Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so; mʼasɛm mfa obiara ho; minni guankɔbea bi; me nkwa mfa obiara ho. 5Awurade, misu frɛ wo; mise, “Wone me guankɔbea, me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.” 6Tie me sufrɛ, na mewɔ ahohia kɛse mu; gye me fi mʼataafo nsam, efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.

7Yi me fi mʼafiase, na makamfo wo din. Afei atreneefo betwa me ho ahyia esiane wo papa a woayɛ me no nti.

Copiato!
Aa