Ɔsoroforo dwom. Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so.2Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de.3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia.
4Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no.5Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa.6Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.