Salmi 126
Quelli che seminano con lacrime
Ɔsoroforo dwom. Bere a Awurade de Sion fi nnommum san bae no, yɛyɛɛ sɛ wɔn a wɔsosoo adae. 2Ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, anigye nnwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Na wɔkaa wɔ amanaman no mu se, “Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama wɔn.” 3Awurade ayɛ nneɛma akɛse ama yɛn, na anigye ahyɛ yɛn ma.
4Awurade, san fa yɛn siade ma yɛn, te sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ Negeb no. 5Wɔn a wodua no nusu mu no de anigye nnwom betwa. 6Wɔn a wɔde osu fi adi so aba a wɔrekodua no, de anigye nnwom bɛsan aba a wɔsoso nnɔbae afiafi.
Copiato!
Aa