Salmi 12

Le parole del Signore sono pure

Dawid dwom. Boa yɛn, Awurade, na nyamesurofo asa; nokwafo ayera wɔ nnipa mu. 2Obiara di atoro kyerɛ ne yɔnko; wɔn ano a ɛdɛfɛdɛfɛ no ka nnaadaasɛm. 3Ma Awurade ntwa nnaadaa ano ne tɛkrɛma biara a ɛhoahoa ne ho nkyene; 4nea ɛka se, “Yɛde yɛn tɛkrɛma bedi nkonim; yɛn ano bedi ama yɛn, na hena na odi yɛn so tumi?” 5“Esiane ɔhyɛ a wɔde hyɛ mmɔborɔni ne ohiani apinisi no nti, mɛsɔre afei,” Awurade na ose. “Mɛbɔ wɔn ho ban afi wɔn a wɔhaw wɔn no ho.” 6Awurade asɛm yɛ nokware te sɛ dwetɛ a wɔasɔn so wɔ fononoo mu, na wɔahoa ho mpɛn ason.

7Awurade, wobɛkora mmɔborɔni na woabɔ yɛn ho ban afi saa nnipa yi ho afebɔɔ. 8Amumɔyɛfo nenam sɛnea wɔpɛ, bere a adesamma de nidi ma afide. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Copiato!
Aa