Salmi 110

Siedi alla mia destra

Dawid dwom. Awurade ka kyerɛɛ me Wura se, “Tena me nifa so kosi sɛ mede wʼatamfo bɛyɛ wʼanan ase ntiaso.” 2Awurade bɛterɛw wʼahempema dennen mu afi Sion; na wubedi hene wɔ wʼatamfo so. 3Wʼasraafo beyi wɔn koma mu da a wobɛkɔ ɔsa. Tumi kronkron bɛyɛ wʼadurade na wo mmabun bɛba wo nkyɛn sɛnea obosu gugu anɔpahema.

4Awurade aka ntam na ɔrensesa nʼadwene: “Woyɛ daapem sɔfo sɛ Melkisedek sɛso.” 5Awurade wɔ wo nifa so; ɔbɛdwerɛw ahemfo wɔ nʼabufuwhyew da no. 6Obebu amanaman atɛn aboaboa awufo ano; na wadwerɛw asodifo a wɔwɔ asase so nyinaa.

7Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu enti obedi nkonim. Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda ɔkwankyɛn mu nsu, na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdi mu.

Copiato!
Aa