Salmi 100

Servite il Signore con gioia

Ayeyi Dwom. Mommɔ ose mma Awurade, asase nyinaa. 2Momfa ahosɛpɛw nsom Awurade; momfa anigye nnwom mmra nʼanim. 3Munhu sɛ Awurade yɛ Onyankopɔn; ɔno na ɔyɛɛ yɛn, na yɛyɛ ne de; yɛyɛ ne nkurɔfo ne ne didibea nguan.

4Momfa aseda nhyɛn nʼapon mu, na momfa nkamfo nkɔ nʼadiwo; momfa aseda mma no, na monkamfo ne din. 5Awurade ye; na nʼadɔe wɔ hɔ daa; ne nokwaredi kodu awo ntoatoaso nyinaa so.

Copiato!
Aa