Isaia 56
Gli stranieri uniti al Signore
Sɛɛ na Awurade se: “Monkɔ so mmu atɛntrenee na monyɛ nea eye, efisɛ me nkwagye abɛn na ɛrenkyɛ me trenee bɛda adi. 2Nhyira nka onipa a ɔyɛ eyi, onipa a okura mu dennen, nea ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho fi bɔneyɛ ho.” 3Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka se, “Ampa ara Awurade renkan me mfra ne nkurɔfo mu.” Na piamni biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duwui.” 4Sɛɛ na Awurade se, “Piamfo a wɔkae me homenna, wɔn a wɔyɛ nea ɛsɔ mʼani na wokura mʼapam mu dennen, 5mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ho afasu no nkae ade ne din a, ɛkyɛn mmabarima ne mmabea; mɛma wɔn din a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ din a ɛrentwa mu.
6Na ananafo a wɔde wɔn ho bata Awurade ho sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa na wokura mʼapam mu dennen, 7eyinom na mede wɔn bɛba me bepɔw kronkron no so na mama wɔn anigye wɔ me mpaebɔfi. Wɔn ɔhyew afɔrebɔde ne afɔrebɔ ahorow no megye wɔ mʼafɔremuka so; na wɔbɛfrɛ me fi aman nyinaa mpaebɔfi.” 8Otumfo Awurade, nea ɔboaboa Israelfo a wɔatwa wɔn asu ano no ka se: “Mɛkɔ so aboaboa afoforo ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dedaw no ho.”
Sentinelle cieche
9Mommra, mo wuram mmoadoma nyinaa, mummedidi, mo kwae mu mmoa nyinaa! 10Israel awɛmfo yɛ anifuraefo, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ akraman mum, wontumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso dae, nna yɛ wɔn dɛ. 11Wɔyɛ akraman a wɔpɛ aduan yiye; wonnidi mmee da. Wɔyɛ nguanhwɛfo a wonni ntease; wɔn nyinaa fa wɔn kwan, obiara pɛ nʼankasa mfaso.
12“Mommra,” obiara teɛ mu se, “momma me nsa! Momma yɛnnom bobesa mmow! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ nnɛ, ebia ɛbɛsen nnɛ koraa.”