Isaia 2
Spade in vomeri
Eyi ne nea Amos babarima Yesaia hui, a ɛfa Yuda ne Yerusalem ho. 2Nna a edi akyi no mu no, Awurade asɔredan bepɔw no betim sɛ mmepɔw no nyinaa ti; ebegye din aboro nkoko nyinaa so na aman nyinaa bɛbɔ yuu akɔ hɔ. 3Aman bebree bɛba abɛka se, “Mommra mma yɛnkɔ Awurade bepɔw no so, nkɔ Yakob Nyankopɔn fi. Ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nʼakwan sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛnantew nʼatempɔn so.” Mmara no befi Sion aba, na Awurade asɛm afi Yerusalem.
4Obebu amanaman ntam atɛn na obesiesie nnipa bebree ntam asɛm. Wɔde wɔn afoa bɛbobɔ nsɔw na wɔde wɔn mpeaw ayɛ asosɔw. Ɔman bi rentwe ɔman foforo so afoa, na wɔrenyɛ ahoboa biara mma ɔko bio.
Il giorno del Signore contro l'orgoglio
5Mommra. Yakob fifo, momma yɛnnantew Awurade hann mu. 6Awurade, woagyaw wo nkurɔfo, Yakob fifo. Gyidihunu a efi apuei fam ahyɛ wɔn ma; wɔhyɛ nkɔm sɛ Filistifo na wɔne abosonsomfo fa ayɔnko. 7Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔn ademude dɔɔso bebree. Apɔnkɔ ayɛ wɔn asase no so ma; na wɔn nteaseɛnam dodow nni ano.
8Ahoni ahyɛ wɔn asase no so ma; wɔkotow sɔre wɔn ankasa nsa ano adwuma, nea wɔn nsateaa ayɛ. 9Enti, Awurade bɛbrɛ onipa ase na wama adesamma abotow, mfa wɔn ho nkyɛ wɔn. 10Kɔhyɛn abotan no mu, fa wo ho kosie asase no mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti!
11Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no. 12Asafo Awurade ahyɛ da bi ama ahomasofo nyinaa ne nea ɛma ne ho so nyinaa (wɔbɛbrɛ wɔn ase), 13Lebanon sida nyinaa, atenten ne nea ɛkorɔn, ne Basan odum nnua no, 14mmepɔw atenten nyinaa ne nkoko a ɛwowaree nyinaa, 15ne abantenten a ɛkorɔn ne ɔfasu biara a ɛyɛ den, 16aguadi hyɛn biara ne hyɛn kɛse fɛfɛ biara.
17Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase, na wɔde nnipa ahomaso ahwe fam; Awurade nko ara na wɔbɛma no so da no, 18na ahoni no bɛyera korakora. 19Nnipa beguan akɔhyɛ abodan a ɛwɔ abotan mu ne ntokuru a ɛdeda asase mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase.
20Saa da no, nnipa bɛtow wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahoni a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛsom no agu ama akisi ne mpan. 21Wobeguan akɔhyɛ abotan mu ntokuru mu ne abotan mpaapae mu esiane Awurade ho hu ne nʼanuonyam kɛseyɛ nti, bere a ɔbɛsɔre awosow asase. 22Munnyae sɛ mode mo ho to nnipa, a wɔwɔ ɔhome kɛkɛ so. Wɔyɛ dɛn koraa?