Giobbe 35
Che cosa guadagna Dio da te
Afei, Elihu kae se: 2“Wugye di sɛ, eyi fata? Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’ 3Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya, na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’ 4“Mepɛ sɛ mibua wo ne wo nnamfonom nyinaa.
5Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ; hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ. 6Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no? Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so? 7Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?
8Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo na wo trenee ka nnipa mma nko ara. 9“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so; na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam. 10Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ, nea ɔma nnwom anadwo no, 11nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’ 12Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua, amumɔyɛfo ahantan nti.
13Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no; na Otumfo remmu. 14Ɛno de adɛn na ɔrentie bere a woka se wunhu no, na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no, 15na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?
16Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu; nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”