Ezechiele 19

Un lamento per i principi

“Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2na monka se: “ ‘Na wo na yɛ gyatabere mu sononko wɔ gyata mu! Ɔdaa gyataforo mu yɛn ne mma. 3Ɔyɛn ne mma no mu baako ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu, na ɔwee nnipa nam.

4Amanaman no tee ne nka, na wɔn amoa yii no. Wɔkyekyeree no de no kɔɔ Misraim asase so. 5“ ‘Bere a ohuu sɛ nʼanidaso anyɛ hɔ, na nea ɔrehwɛ anim ayera no, ɔfaa ne ba foforo yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfo. 6Okyinkyin gyata no mu efisɛ na wayɛ gyata hoɔdenfo. Osuaa sɛnea wɔtetew hanam mu na ɔwee nnipa nam.

7Obubuu wɔn abandennen na ɔsɛee wɔn nkurow. Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no, ne mmubomu bɔɔ wɔn hu. 8Afei amanaman no sɔre tiaa no, wɔn a wofi nsase a atwa ahyia no so. Woguu no asau kyeree no wɔ wɔn amoa mu. 9Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ buw mu na wɔde no brɛɛ Babilonia hene. Wɔde no too afiase, na wɔante ne mmubomu no bio wɔ Israel mmepɔw no so.

10“ ‘Na wo na te sɛ bobedua a wɔatɛw no asu ho wɔ wo bobeturo mu. Na ɛsow aba, na eyiyii mman nsu a onya no bebree no nti. 11Ne mman yɛɛ den yiye; edi mu sɛ wɔde yɛ ahemfo ahempema. Ɛkorɔn, bunkam faa nhaban a ayɛ kuhaa no so, ne sorokɔ ne ne mman bebree no maa no yɛɛ sononko. 12Nanso wɔde abufuwhyew tuu nʼase de no hwee fam. Apuei mframa maa no kasae, ɛsow aba tetew gui; na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwamee na ogya hyewee.

13Afei wɔakɔtɛw no wɔ sare so asase kesee a nsu nni mu mu. 14Ogya trɛw fii ne mman baako so na ɛhyew nʼaba. Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo wɔ so; nea wɔde yɛ ahemfo ahempema ma ɛyɛ yiye no.’ Eyi yɛ kwadwom na ma wɔnto no saa.”

Copiato!
Aa