Psalms 97

The Lord reigns, let the earth rejoice

Awurade di hene, ma asase ani nnye; ma akyirikyiri mpoano ahorow no nsɛpɛw wɔn ho. 2Omununkum ne sum kabii atwa no ho ahyia; trenee ne atɛntrenee yɛ nʼahengua no fapem. 3Ogya di nʼanim na ɛhyew nʼatamfo wɔ afanan nyinaa.

4Nʼanyinam hyerɛn wiase; asase hu na ne ho popo. 5Mmepɔw nan sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim. 6Ɔsoro pae mu ka ne trenee kyerɛ na aman nyinaa hu nʼanuonyam.

7Ahonisomfo nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuw hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no. 8Sion te, na ne ho sɛpɛw no na Yuda nkuraa ani gye Awurade, esiane wʼatɛntrenee nti. 9Wo, Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyi bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfo a wɔyɛ nokwafo no ho ban na ogye wɔn fi amumɔyɛfo nsam. 11Hann hyerɛn wɔ atreneefo so na anigye ba wɔn a wɔn koma mu tew no so. 12Momma mo ani nnye Awurade mu, mo a moyɛ atreneefo, na monkamfo ne din kronkron no.

Copied!
Aa