Psalms 92
It is good to praise the Lord
Dwom a wɔto no Homeda. Eye sɛ wɔkamfo wo Awurade na wɔto dwom de hyɛ wo anuonyam, Ɔsorosoroni, 2na wɔpae mu ka wʼadɔe anɔpa ne wo nokware anadwo, 3wɔ hama du sanku so ne sankuten nnwom mu.
4Awurade, wo nneyɛe ma mʼani gye; mede anigye to nnwom, wo nsa ano nnwuma nti. 5Awurade, wo nnwuma yɛ akɛse, na wo nyansa mu dɔ! 6Agyimifo nnim na nkwaseafo nte ase, 7amumɔyɛfo benyin sɛ sare na abɔnefo bɛyɛ frɔmfrɔm de, nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.
8Na wo Awurade, wɔayɛ wo ɔkɛse afebɔɔ. 9Awurade, ampa ara, wʼatamfo bɛyera; na wɔbɛhwete abɔnefo nyinaa. 10Woama me ahoɔden te sɛ ɛko; woahwie ngohuam papa agu me so.
11Mahu mʼatamfo nkogu a wɔadi, mate sɛnea mʼatamfo atirimɔdenfo aguan afi akono. 12Atreneefo bɛyɛ frɔmfrɔm te sɛ abedua, wobenyin sɛ Lebanon sida; 13nea wɔadua wɔ Awurade fi, wobenyin frɔmfrɔm wɔ yɛn Nyankopɔn adiwo hɔ.
14Wɔbɛkɔ so asow aba, onyinkyɛ mu mpo, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm sɛ ahabammono, 15de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔtreneeni; ɔyɛ me botan, na atirimɔdensɛm biara nni ne mu.”