Psalms 82

God judges among the judges

Asaf dwom. Onyankopɔn di hene wɔ ɔsoro asafo mu; obu atɛn wɔ “anyame” mu. 2“Wobɛbɔ wɔn a wɔnteɛ ho ban na woayɛ nhwɛanim ama amumɔyɛfo akosi da bɛn? 3Monka mmɔborɔfo ne ayisaa asɛm mma wɔn; mommɔ ahiafo ne wɔn a wɔhyɛ wɔn so yiyedi ho ban.

4Munnye ɔbrɛfo ne ahiafo; munnye wɔn mfi amumɔyɛfo nsam. 5“Anyame no nnim de, na wɔnte hwee ase. Wokyinkyin wɔ sum mu; na asase fapem nyinaa wosow. 6“Mekae se, ‘Moyɛ “anyame;” mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma.’ 7Nanso mubewuwu sɛ nnipa pɛ; na moahwe ase sɛ ɔsodifo biara.” 8Ao Onyankopɔn, sɔre, bu wiase atɛn; efisɛ amanaman nyinaa yɛ wo de.

Copied!
Aa