Psalms 23

The Lord is my shepherd

Dawid dwom. Awurade ne me hwɛfo, hwee renhia me. 2Ɔma meda wura frɔmfrɔm adidibea; ogya me kɔ nsu a ɛho dwo ho, 3odwudwo me kra. Ɔde me fa akwantrenee so, ne din nti.

4Sɛ menam owu sum kabii mu mpo a, minsuro bɔne bi, efisɛ wo ne me na ɛwɔ hɔ; wʼabaa ne wo pema na ɛkyekye me werɛ. 5Woto me pon wɔ mʼatamfo anim. Wode ngo fɔw me tirim; me kuruwa yɛ ma bu so. 6Yiye ne adɔe nko na ebedi mʼakyi me nkwanna nyinaa; na mɛtena Awurade fi daa.

Copied!
Aa