Psalms 19

The heavens declare the glory of God

Dawid dwom. Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam! Wim pae mu ka ne nsa ano adwuma, 2Da biara, wɔkasa; anadwo biara, wɔda nimdeɛ adi. 3Wonni ɔkasa, wɔnnka nsɛm; wɔnnte wɔn nne.

4Wɔn nne akodu asase so mmaa nyinaa, na wɔn nsɛm nso akodu asase ano. Onyankopɔn asi ntamadan ama owia wɔ ɔsoro hɔ. 5Ɛte sɛ ayeforokunu a ofi ne pia mu, te sɛ ɔbran a ne ho pere no sɛ obetu ne mmirika. 6Epue wɔ ɔsoro fa baabi na atwa ne ho akosi ano; biribiara nsiw ne hyew ho kwan.

7Awurade mmara yɛ pɛ, ɛkanyan ɔkra no. Ahotoso wɔ Awurade nhyehyɛe mu, ɛma nea onnim nyansa hu nyansa. 8Awurade ahyɛde teɛ; ɛma koma mu anigye. Awurade ɔhyɛ nsɛm mu da hɔ; na ebue ani. 9Awurade suro yɛ kronkron, ɛte hɔ daa. Awurade mmara nsɛm yɛ nokware na ne nyinaa teɛ.

10Ɛsom bo sen sikakɔkɔɔ ɛsen sikakɔkɔɔ kann; ɛyɛ dɛ sen ɛwo, ɛsen ɛwo a efi ɛwokyɛm mu. 11Wɔnam so bɔ wo somfo kɔkɔ se, sodi so akatua yɛ bebree. 12Hena na ohu nʼankasa mfomso? Fa me mfomso a ahintaw kyɛ me.

13Bɔ wʼakoa ho ban fi ɔboayɛ bɔne ho, na anhyɛ me so. Ɛno na ɛbɛma madi bem, a merenni fɔ wɔ bɔne akɛse ho. 14Ma mʼanom nsɛm ne me koma mu adwene nyɛ nea ɛsɔ wʼani, Awurade me Botan ne me Gyefo. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

Copied!
Aa