Psalms 15

Who may dwell on your holy hill

Dawid dwom. Awurade, hena na ɔbɛtena wo kronkronbea ntamadan no mu? Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so? 2Nea ne ho nni asɛm na ɔyɛ nea ɛteɛ, nea ɔka nokware a efi ne koma mu 3na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa nea ɔnyɛ ne yɔnko bɔne na ommu ne yɔnko nipa abomfiaa, 4nea obu afideyɛni animtiaa na ɔde nidi ma wɔn a wosuro Awurade, nea odi ne ntam so, bere a etia no mpo, 5nea ɔde ne sika bɔ bosea a onnye nsiho na onnye adanmude ntia nea odi bem. Nea ɔyɛ eyinom no renhinhim da.

Copied!
Aa