Psalms 128

Blessing on the household

Ɔsoroforo dwom. Nhyira ne wɔn a wosuro Awurade, na wɔnantew nʼakwan so. 2Wubedi wʼadwuma so aba; nhyira ne yiyedi bɛyɛ wo de. 3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛsow aba wɔ wo fi; na wo mmabarima ayɛ sɛ ngodua a afifi atwa wo pon ho ahyia.

4Yiw, sɛɛ ne nea wobehyira onipa a osuro Awurade no. 5Awurade nhyira wo mfi Sion na ɔmma wunhu Yerusalem yiyeyɛ; wo nkwanna nyinaa. 6Ɔmma wo ntena ase nhu wo mma mma. Asomdwoe nka Israel.

Copied!
Aa