Psalms 120

I call on the Lord in my distress

Ɔsoroforo dwom. Misu frɛ Awurade wɔ mʼahohiahia mu, na ogye me so. 2Awurade, gye me fi atoro ano, ne nnaadaa tɛkrɛma nsam. 3Dɛn na ɔbɛyɛ wo, na dɛn na ɛka ho bio, wo nnaadaa tɛkrɛma?

4Ɔde asraafo bɛmma a ano yɛ nnam ne nnyansramma bɛtwe wʼaso. 5Nnome nka me sɛ metena Mesek, na mete Kedar ntamadan mu! 6Matena wɔn a wokyi asomdwoe mu akyɛ dodo.

7Meyɛ asomdwoe nipa; nanso sɛ mekasa a, wɔde yɛ ɔko.

Copied!
Aa