Psalms 113
From the rising of the sun to its setting
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼasomfo no, monkamfo Awurade din. 2Momma wɔnkamfo Awurade din, mprempren ne daa nyinaa. 3Efi faako a owia pue kosi faako a ɛkɔtɔ, ma wɔnkamfo Awurade din.
4Wɔama Awurade so aman nyinaa so, nʼanuonyam tra ɔsorosoro. 5Hena na ɔte sɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, Ɔbaako no a odi hene wɔ ɔsorosoro, 6ɔno na ɔbɔ ne mu ase hwɛ ɔsorosoro ne asase?
7Ɔma ahiafo so fi mfutuma mu na ɔma onnibi so fi nso siw so; 8ɔde wɔn tena mmapɔmma mu, wɔn nkurɔfo mmapɔmma mu. 9Ɔbɔ obonin atenase wɔ ne fi sɛ ɔbeatan a nʼani gye. Monkamfo Awurade.
Copied!
Aa