Isaiah 62

You will be called by a new name

Sion nti, merenyɛ komm, Yerusalem nti, merenyɛ dinn, kosi sɛ ne trenee bɛhyerɛn sɛ adekyee, na ne nkwagye adɛw sɛ ogyatɛn. 2Amanaman no behu wo trenee, na ahemfo nyinaa ahu wʼanuonyam; wɔbɛfrɛ wo din foforo a Awurade de bɛto wo no. 3Wobɛyɛ anuonyam ahenkyɛw wɔ Awurade nsam, ne adehye anuonyam abotiri wɔ wo Nyankopɔn nsam.

4Wɔremfrɛ wo amamfo bio, anaa wʼasase sɛ amamfo. Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn ne wʼasase sɛ Beula anaa ɔwarefo efisɛ Awurade ani begye wo ho, na ɔbɛware wʼasase. 5Sɛnea aberante ware ababaa no, saa ara na wo mmabarima bɛware wo; sɛ ayeforokunu ani gye nʼayeforo ho no, saa ara na wo Nyankopɔn ani begye wo ho. 6Mede awɛmfo agyinagyina wʼafasu so, Yerusalem; wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo. Mo a musu frɛ Awurade no, monnhome koraa, 7na mommma onnye nʼahome kosi sɛ, ɔbɛma Yerusalem atim na wayɛ no nea asase nyinaa bɛkamfo.

8Awurade de ne basa nifa aka ntam ne basa a ɛyɛ den no se, “Meremfa mo awi mma mo atamfo sɛ wɔn aduan bio, na ananafo rennom nsa foforo a moabrɛ ho no bio; 9wɔn a wotwa no na wobedi na wɔakamfo Awurade, na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom wɔ me kronkronbea adiwo.” 10Momfa mu, momfa kuropɔn apon no mu! Munsiesie ɔkwan no mma nkurɔfo no. Mompae, mompae ɔtempɔn no! Munyiyi so abo no. Munsi frankaa mma amanaman no.

11Awurade abɔ no dawuru akosi nsase ano se, “Monka nkyerɛ Ɔbabea Sion se, ‘Hwɛ, wo Agyenkwa reba! Hwɛ nʼakatua ka ne ho, na nʼanamuhyɛde nso ka ne ho.’ ” 12Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron, wɔn a Awurade Agye Wɔn; na wɔbɛfrɛ wo Nea Wɔrehwehwɛ Nʼakyi Kwan, Kuropɔn a Ɛrenyɛ Amamfo Bio.

Copied!
Aa