Ecclesiastes 11
Cast your bread on the waters
Fa wʼawi twa po; na daakye bi wubenya so mfaso. 2Fa hyɛ aguadi ason mu, yiw, nea ɛto so awotwe mu, wunnim atoyerɛnkyɛm a ɛbɛba asase no so. 3Sɛ nsu ayɛ omununkum mu ma a, ɛtɔ osu gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafo fam anaa atifi fam a, nea ɛhwee no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.
4Obiara a ɔtwɛn wim nsakrae no rennua, na nea ɔhwɛ omununkum no nso rentwa. 5Sɛnea wunnim ɔkwan a mframa nam so, anaa sɛnea wɔnwen nipadua wɔ ɔyafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase, ade nyinaa Yɛfo no. 6Dua wʼaba anɔpa, na anwummere nso ma wo nsa nna ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, sɛ eyi anaa eyi, anaasɛ ebia abien no nyinaa bɛyɛ yie.
Rejoice in your youth
7Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ohu owia. 8Mfe dodow a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ onya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhude. 9Ma wʼani nnye, aberante, bere a woyɛ ɔbabun, ma wo koma mma wo anigye wɔ wo mmerantebere mu. Di nea wo koma pɛ ne nea wʼaniwa hu akyi, nanso hu sɛ eyinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmu mu.
10Enti yi adwennwen biara fi wo koma mu na tow ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, efisɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhude.