Sprüche 2
Suche Weisheit wie verborgenen Schatz
Me ba, sɛ wutie me nsɛm, na woma me mmaransɛm tena wo mu a, 2sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wo koma ma ntease, 3na woma wo nne so frɛ nhumu na wusu frɛ ntease, 4na sɛ wohwehwɛ no te sɛnea wohwehwɛ dwetɛ na wohwehwɛ no sɛnea worepɛ ademude a ahintaw a, 5ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
6Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne ntease fi ba. 7Ɔkora nkonimdi ma wɔn a wɔteɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ, 8ɔwɛn nea ɔyɛ pɛ kwan, na ɔbɔ wɔn a wodi no nokware no akwan ho ban.
9Ɛno na wobɛte nea eye ne nea ɛyɛ pɛ, ne nea ɛfata, ɔkwan biara a eye ase. 10Afei nyansa bewura wo koma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra. 11Adwene bɛbɔ wo ho ban na ntease ahwɛ wo so.
12Nyansa beyi wo afi amumɔyɛfo akwan mu, ebeyi wo afi nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam, 13wɔn a wɔaman afi akwan pa so akɔnantew sum akwan so no, 14wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wodi ahurusi wɔ bɔne mu basabasayɛ ho, 15wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsam wɔ wɔn akwan mu.
16Nimdeɛ begye wo afi ɔbea waresɛefo no nsam, afi ɔbea warefo huhuni a ɔka nnaadaasɛm ho, 17nea wagyaa ne mmabaabere mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no. 18Ne fi yɛ ɔkwan a ɛkɔ owu mu na nʼakwan kɔ awufo honhom nkyɛn.
19Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsan mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so. 20Enti wubedi nnipa pa anammɔn akyi na woanantew atreneefo akwan so. 21Efisɛ wɔn a wɔteɛ bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ; 22na wobetwa amumɔyɛfo afi asase no so, na wɔatɔre atorofo ase.