Nehemia 7

Wachen für die Stadt

Wowiee ɔfasu no, na misisii apon no wiee akyi no, yɛfaa apon no anohwɛfo, nnwontofo ne Lewifo. 2Miyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafo a osuro Nyame sen afoforo bebree. 3Meka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ wobue Yerusalem apon no ano to hɔ kosi sɛ ahuhuru bɛba. Na sɛ aponanohwɛfo no wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu na mommram akyi. Munyi wɔn a wɔte Yerusalem no, na bi nnyina hɔ nnwɛn na bi nso mfi wɔn afi a ɛbemmɛn no mu nwɛn.”

Die Liste der Heimgekehrten

4Saa bere no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afi kakraa bi na na esisi kuropɔn no mu. 5Na me Nyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofo ne ɔmanfo no nyinaa nhyia, na wɔnkyerɛw wɔn din. Mihuu nnipa a wodii kan san baa Yuda no anato nhoma. Nsɛm a na wɔakyerɛw agu mu ni: 6Eyinom ne Yudafo a wotwaa wɔn asu kɔɔ amantam bi so, na wofii nnommum mu san baa Yerusalem ne Yuda nkurow afoforo so. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia.

7Wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfo dodow a wofi nnommum mu bae no ni: 8Abusuafo dodow ni:   Paros asefo 2,172 9Sefatia asefo 372 10Arah asefo 652 11Pahat-Moab (Yesua ne Yoab) asefo 2,818 12Elam asefo 1,254 13Satu asefo 845 14Sakai asefo 760

15Binui asefo 648 16Bebai asefo 628 17Asgad asefo 2,322 18Adonikam asefo 667 19Bigwai asefo 2,067 20Adin asefo 655 21Ater (Hesekia) asefo 98 22Hasum asefo 328

23Besai asefo 324 24Harif asefo 112 25Gibeon asefo 95 26Mmarima dodow a wofi   Betlehem ne Netofa 188 27Anatot 128 28Bet-Asmawet 42 29Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot 743 30Rama ne Geba 621

31Mikmas 122 32Bet-El ne Ai 123 33Nebo 52 34Elam 1,254 35Harim 320 36Yeriko 345 37Lod, Hadid ne Ono 721 38Senaa 3,930

39Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (Yesua fifo mu no) 973 40Imer asefo 1,052 41Pashur asefo 1,247 42Harim asefo 1,017 43Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fifo) asefo 74 44Nnwontofo: Asaf asefo 148 45Asɔredan Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo, Akub, Hatita ne Sobai asefo 138 46Asɔredan mu asomfo: Siha, Hasufa, Tabaot asefo,

47Keros, Siaha, Padon asefo, 48Lebana, Hagaba, Salmai asefo, 49Hanan, Gidel, Gahar asefo, 50Reaia, Resin, Nekoda asefo, 51Gasam, Usa, Paseah asefo, 52Besai, Meunim, Nefusim asefo, 53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefo, 54Baslit, Mehida, Harsa asefo

55Barkos, Sisera, Tema asefo 56Nesia ne Hatifa asefo, 57Ɔhene Salomo asefo asomfo a wofi nnommum mu bae no ni: Sotai, Soferet, Perida asefo, 58Yaala, Darkon, Gidel asefo, 59Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Amon asefo, 60Asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no nyinaa, na wɔn dodow yɛ 392 61Kuw foforo bi a saa bere yi wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer san baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yiye sɛ, wɔn anaa wɔn asefo no ase fi Israel: 62Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua no ka saa kuw yi ho, na wɔn dodow yɛ 642

63Asɔfo baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai a wɔyɛ mmusua abiɛsa no nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ofi Gilead mmabea no baako ama wafa ɔbea no abusuadin.) 64Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 65Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade.

66Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 67a ɛno akyi, asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) ne nnwontofo mmarima ne mmea ahannu aduanan anum (245) ka ho. 68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa asia (736), funumpɔnkɔ ahannu ne aduanan anum (245).

69Yoma ahannan ne aduasa anum (435) ne mfurum mpem asia ahanson ne aduonu (6,720) kaa wɔn ho.

Gaben für das Werk

70Abusua no bi ntuanofo maa dwumadi no ho akyɛde. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem (1,000), sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonum (50) ne asɔfotade ahannum ne aduasa (530). 71Ntuanofo no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania pɔn mpem abien ne ahanson aduonum de boaa adwuma no. 72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ nnwetɛbona mpem aduonu ne dwetɛ bɛyɛ pɔn mpenu ne ahannum ne asɔfotade aduosia ason (67).

73Enti asɔfo, Lewifo, aponanohwɛfo, nnwontofo, Asɔredan mu asomfo ne nnipa no bi, ne Israelfo a wɔaka nyinaa bɔɔ atenase wɔ wɔn ankasa nkurow so. Ɔsram Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfo akokɔ wɔn nkurow so no,

Kopiert!
Aa