Jesaja 32

Ein König wird gerecht regieren

Hwɛ, ɔhene bi bedi hene wɔ trenee mu na ahemfo de atɛntrenee adi nnipa so. 2Onipa biara bɛyɛ mframa ano hintabea ne ahum mu guankɔbea, ɔbɛyɛ sɛ nsuwansuwa a ɛwɔ nweatam so ne ɔbotan kɛse sunsuma a ɛwɔ osukɔm asase so. 3Wɔn a wohu no ani renkata bio, na wɔn a wɔte asɛm no aso betie.

4Nea ɔyɛ adwene mu hare behu na wate ase, wɔn a wɔpo dodow bɛkasa na mu ada hɔ. 5Wɔremfrɛ ɔkwasea sɛ onuonyamfo bio na wɔremfa nidi mma apapahwekwa. 6Ɔkwasea ka nkwaseasɛm na osusuw bɔne ho: ɔyɛ anyame apɛde ɔka Awurade ho nsɛm a enye; ɔmma nea ɔkɔm de no no aduan ɔde nsu kame nea osukɔm de no.

7Apapahwekwa akwan yɛ amumɔyɛ, ɔyɛ bɔne ho nhyehyɛe de atoro sɛe ohiani, wɔ bere a ohiani asɛm yɛ nokware mpo. 8Nanso onuonyamfo yɛ nhyehyɛe a ɛho wɔ nyam na nneyɛe pa no nti ɔda nsow.

Sorglose Frauen, zittert

9Mo mmea a mugye mo ho di, monsɔre na muntie me; mo mmabea a mususuw sɛ mowɔ bammɔ monyɛ aso mma nea mewɔ ka! 10Afe akyi nna kakra bi no mo a mugye di sɛ mowɔ bammɔ ho bɛpopo; bobe twabere no bedi mo huammɔ, nnuaba no twabere nso remma. 11Mo ho mpopo, mo mmea a mugye mo ho di mommɔ hu, mo mmabea a mugye di sɛ mowɔ bammɔ! Mompa mo ho ntama na momfa atweaatam mmɔ mo asen.

12Mommobɔ mo koko so sɛ mowɔ mfuw afɛfɛ ne bobe a ɛso no nti, 13ne me nkurɔfo asase, asase a nsɔe ne nnɛnkyɛnse agye afa. Yiw, montwa adwo mma afi a wogye wɔn ani wɔ mu ne saa ahosɛpɛw kuropɔn yi. 14Wobegyaw aban no hɔ, na gyegyeegye kuropɔn no ada mpan; abanwa ne ɔwɛn aban bɛdan asasehunu afebɔɔ, nea mfurum pɛ ne nguankuw didibea, 15kosi sɛ wobehwie honhom afi ɔsoro agu yɛn so, na nweatam bɛdan asasebere na asasebere ayɛ sɛ kwae.

16Trenee bɛtena nweatam so na adetreneeyɛ atena asasebere so. 17Adetreneeyɛ bɛsow asomdwoe aba; nea adetreneeyɛ de ba no bɛyɛ kommyɛ ne ahotoso a enni awiei. 18Me nkurɔfo bɛtenatena mmeae a asomdwoe wɔ afi a wɔabɔ ho ban homebea a ɔhaw biara nni hɔ.

19Mpo sɛ mparuwbo sɛe kwae no na kuropɔn no sɛe koraa a, 20wobehyira wo, wubedua wʼaba wɔ nsuwa biara ho, na wama wʼanantwi ne wo mfurum anantew baabiara.

Kopiert!
Aa