Esra 2
Die Liste der Heimgekehrten
Eyinom ne Yudafo nnommum a wɔwɔ amantam no mu a wofi asutwa mu baa Yerusalem ne Yuda nkurow bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na otwaa wɔn asu kɔɔ Babilonia. 2Na wɔn ntuanofo yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana. Israel mmarima a wofi asutwa mu bae no dodow ni: 3Dodow a wɔyɛ Paros asefo 2,172 4Sefatia asefo 372 5Arah asefo 775 6Pahat-Moab asefo (Yesua ne Yoab asefo) 2,812 7Elam asefo 1,254 8Satu asefo 945
9Sakai asefo dodow yɛ 760 10Bani asefo dodow yɛ 642 11Bebai asefo dodow yɛ 623 12Asgad asefo dodow yɛ 1,222 13Adonikam asefo dodow yɛ 666 14Bigwai asefo dodow yɛ 2,056 15Adin asefo dodow yɛ 454 16Ater asefo (Hesekia asefo) dodow yɛ 98
17Besai asefo dodow yɛ 323 18Yora asefo dodow yɛ 112 19Hasum asefo dodow yɛ 223 20Gibar asefo dodow yɛ 95 21Betlehemfo dodow yɛ 123 22Netofafo dodow yɛ 56 23Anatotfo dodow yɛ 128 24Asmawetfo dodow yɛ 42
25Kiriat-Yearimfo, Kefirafo ne Beerotfo dodow yɛ 743 26Ramafo ne Gebafo dodow yɛ 621 27Mikmasfo dodow yɛ 122 28Bet-Elfo ne Aifo dodow yɛ 223 29Nebo ɔmanmma dodow yɛ 52 30Magbis ɔman dodow yɛ 156 31Elam ɔmanmma dodow yɛ 1,254 32Harim ɔmanmma dodow yɛ 320
33Lod, Hadid ne Ono manmma dodow yɛ 725 34Yeriko ɔmanmma dodow yɛ 345 35Senaa ɔmanmma dodow yɛ 3,630 36Eyinom ne asɔfo dodow a wofi nnommum mu bae: Yedaia asefo (a wɔnam Yesua fi so) dodow yɛ 973 37Imer asefo dodow yɛ 1,052 38Pashur asefo dodow yɛ 1,247 39Harim asefo dodow yɛ 1,017 40Eyinom ne Lewifo a wofi nnommum mu bae: Yesua ne Kadmiel asefo (Hodawia asefo) dodow yɛ 74
41Nnwontofo: Asaf asefo mu nnwontofo dodow yɛ 128 42Aponanohwɛfo: Salum, Ater, Talmon asefo Akub, Hatita ne Sobai asefo 139 43Saa asɔredan mu asomfo asefo yi na wofi nnommum mu bae: Siha, Hasufa, Tabaot, 44Keros, Siaha, Padon, 45Lebana, Hagaba, Akub, 46Hagab, Samlai, Hanan, 47Gidel, Gahar, Reaia, 48Resin, Nekoda, Gasam,
49Usa, Paseah, Besai, 50Asna, Meunim, Nefisi, 51Bakbuk, Hakufa, Harhur, 52Baslut, Mehida, Harsa, 53Barkos, Sisera, Tema, 54Nesia ne Hatifa.
55Ɔhene Salomo asomfo asefo yi nso fi nnommum mu bae: Sotai, Hasoferet, Peruda, 56Yaala, Darkon, Gidel, 57Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58Na asɔredan mu asomfo ne Salomo asomfo asefo no dodow yɛ 362 59Saa bere no, kuw foforo a wofi Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkurow so san baa Yerusalem. Nanso wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafo yɛ Israel asefo. Saa nnipakuw yi ne: 60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodow yɛ 652 61Asɔfo mmusua abiɛsa: Habaia, Hakos ne Barsilai no nso san baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ofi Gilead no mmabea no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn anato nhoma no nti wɔmma wɔn ho kwan ansom sɛ asɔfo. 63Na amrado no mma kwan mma wonnni afɔrebɔ nnuan mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfo bi wɔ hɔ a ɔnam ntontobɔ kronkron so bisa Awurade. 64Enti nnipa a wɔsan baa Yuda no nyinaa dodow yɛ mpem aduanan abien, ahaasa ne aduosia (42,360), 65a asomfo mpem ason ahaasa aduasa ason (7,337) nka ho, ne nnwontofo ahannu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmea.
66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa asia (736), mfurum ahannu aduanan anum (245), 67yoma ahannan aduasa anum (435) ne mfurumpɔnkɔ mpem asia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔe.
Gaben für das Haus Gottes
68Bere a woduu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofo no bi fii koma pa mu yii ntoboa a wɔde besiesie Awurade asɔredan no wɔ ne sibea dedaw mu hɔ. 69Na ntuanoni biara maa nea obetumi. Akyɛde a wɔde mae no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika nnwetɛbona mpem aduosia baako (61,000), dwetɛ nkaribo pɔn mpem ahansia ahannu aduonum (600,250) na asɔfotade ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfo. 70Enti asɔfo, Lewifo, nnwontofo, aponanohwɛfo, asɔredan mu asomfo ne ɔmanmma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem no. Nkae no san kɔɔ Yuda nkurow afoforo bi a wofi hɔ bae no so.