Amos 1
Wegen drei, ja vier Verbrechen
Amos, Tekoa nguanhwɛfo no mu baako nsɛm ni. Onyaa saa anisoadehu yi a ɛfa Israel ho mfe abien ansa na asase wosowee, bere a Usia di hene wɔ Yuda na Yoas babarima Yeroboam nso di hene wɔ Israel no. 2Ɔkae se, “Awurade bobɔ mu fi Sion bepɔw so na ɔde aprannaa nnyigyei nso fi Yerusalem; nguanhwɛfo mmoa adidibea rehyew na Karmel atifi nso kisa.” 3Nea Awurade se ni: “Damasko ayɛ bɔne bebree ama no atra so ɛno nti, merennan mʼabufuw. Efisɛ ɔde awiporowbea ade a ɛwɔ dade se dwerɛw Gilead.
4Mede ogya bɛto Hasael fi na ahyew Ben-Hadad aban no. 5Mebubu Damasko apon, na mɛsɛe ɔhene a ɔwɔ Awen bon no mu no ne nea okura ahempema wɔ Bet Eden no. Na Aramfo bɛkɔ nnommum mu wɔ Kir,” sɛnea Awurade se ni. 6Nea Awurade se ni: “Gasa ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw no. Ɔfaa ɔman mu no nyinaa nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo.
7Mede ogya bɛto Gasa afasu mu, na ahyew nʼaban no. 8Mɛsɛe Asdod hene no ne nea okura ahempema wɔ Askelon no. Mɛdan me nsa atia Ekron, kosi sɛ Filistini a otwa to no bewu,” sɛnea Asafo Awurade se ni. 9Nea Awurade se ni: “Tiro ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔfaa ɔmanmu no nnommum na ɔtɔn wɔn maa Edomfo, a wankae onuadɔ apam.
10Mede ogya bɛto Tiro afasu no mu, na ahyew nʼaban.” 11Nea Awurade se ni: “Edom ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa taataa ne nua, a wannya ayamhyehye biara. Efisɛ ne bo kɔɔ so fuwii, na obiara antumi annwudwo nʼabufuw no ano. 12Mede ogya bɛto Teman mu, na ahyew Bosra aban.” 13Sɛnea Awurade se ni: “Amon ayɛ bɔne bebree ama no atra so, ɛno nti, merennan mʼabufuw. Ɔde afoa paapaee Gilead apemfo yafunu mu de trɛw nʼahye mu.
14Mede ogya bɛto Raba afasu mu na ahyew nʼaban wɔ ɔko da mu nteɛteɛmu ne ahum da mfɛtɛ mu. 15Na ne hene ne mmapɔmma bɛbɔ mu akɔ nnommum mu,” sɛnea Awurade se ni.