시편 150
호흡이 있는 자마다 여호와를 찬양할지어다
Monkamfo Awurade. Monkamfo Awurade wɔ ne kronkronbea; monkamfo no wɔ ɔsoro tumi mu. 2Monkamfo no wɔ ne tumi mu nneyɛe ho; monkamfo no wɔ ne kɛseyɛ a ɛboro biribiara so no ho. 3Momfa torobɛnto nnyigyei nkamfo no, momfa asanku ne bɛnta nkamfo no, 4momfa akasaa ne asaw nkamfo no, momfa sankuten ne atɛntɛbɛn nkamfo no, 5momfa kyɛnkyɛn mmobɔmu so nkamfo no, momfa kyɛnkyɛn nnyigyei nkamfo no.
6Momma nea ɛhome nyinaa nkamfo Awurade. Monkamfo Awurade.
복사됨!
Aa