시편 130

깊은 곳에서 주께 부르짖었나이다

Ɔsoroforo dwom. Awurade, mifi bun mu su frɛ wo; 2Awurade, tie me nne. Wɛn wʼaso ma me nkotosrɛ. 3Awurade, sɛ wubu yɛn bɔne ho nkontaa a, anka hena na obetumi agyina ano?

4Nanso wowɔ bɔnefakyɛ; ɛno nti wosuro wo. 5Metwɛn Awurade, me mu ade nyinaa twɛn, na nʼasɛm mu na mede mʼanidaso ahyɛ. 6Metwɛn Awurade sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee, sen sɛnea awɛmfo twɛn adekyee.

7Israel, ma wʼani nna Awurade so, efisɛ Awurade wɔ adɔe a enni huammɔ na ogye ankasa wɔ ne mu. 8Ɔno ankasa begye Israel afi wɔn bɔne nyinaa mu.

복사됨!
Aa