시편 125
산들이 예루살렘을 두름과 같이
Ɔsoroforo dwom. Wɔn a wɔde wɔn ho to Awurade so no te sɛ Bepɔw Sion, a ɛnwosow na etim hɔ daa no. 2Sɛnea mmepɔw atwa Yerusalem ho ahyia no, saa ara na Awurade atwa ne nkurɔfo ho ahyia mprempren ne daa. 3Amumɔyɛfo ahempema renka asase a wɔde ama atreneefo no so, sɛ ɛba saa a, atreneefo nam wɔn so bɛyɛ bɔne.
4Awurade wɔn a wɔyɛ papa no, yɛ wɔn papa, wɔn a wɔteɛ wɔ koma mu no, yɛ wɔn papa. 5Na wɔn a wɔman fa akwan kɔntɔnkye so no de, Awurade betwa wɔn ne nnebɔneyɛfo asu. Asomdwoe nka Israel.
복사됨!
Aa