시편 123

내가 눈을 들어 주를 우러러보나이다

Ɔsoroforo dwom. Mema mʼani so kyerɛ wo, wo a wʼahengua si ɔsoro. 2Sɛnea nkoa ani hwɛ wɔn wura nsa no, sɛnea afenaa ani hwɛ nʼawuraa nsa no no, saa ara na yɛn ani hwɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn kosi sɛ obehu yɛn mmɔbɔ. 3Hu yɛn mmɔbɔ, Awurade, hu yɛn mmɔbɔ, na wɔabu yɛn animtiaa bebree.

4Ahomasofo fɛwdi ama yɛabrɛ dodo, ahantanfo animtiaabu afono yɛn.

복사됨!
Aa