Salmos 98
El Señor ha hecho maravillas
Dwom. Monto dwom foforo mma Awurade, efisɛ wayɛ anwonwade bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagye ama no. 2Awurade ama wɔahu ne nkwagye na wada ne trenee adi akyerɛ amanaman no. 3Wakae nʼadɔe ne ne nokware a odi kyerɛɛ Israelfo no; asase ano nyinaa ahu yɛn Nyankopɔn nkwagye.
4Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwonto nni ahurusi; 5Momfa sanku nto dwom mma Awurade, sanku ne nnwonto nnyigyei, 6momfa torobɛnto ne adwennini mmɛn, nteɛ mu ahosɛpɛw so wɔ Awurade, yɛn hene no anim.
7Momma po ne abɔde a ɛwɔ mu nyinaa nhuru so; asase ne wɔn a wɔte so nyinaa. 8Momma nsubɔnten mmɔ wɔn nsam, mmepɔw nka mmom nto ahurusi nnwom; 9ma wɔnto nnwom wɔ Awurade anim, efisɛ ɔreba abebu wiase atɛn. Ɔde trenee bebu wiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.