Salmos 93
El Señor reina, vestido de majestad
Awurade di hene, wɔde tumi ahentade ahyɛ no; wɔde tumi ahentade ahyɛ Awurade na wɔde ahoɔden ayɛ nʼakode. Wɔde wiase atim hɔ pintinn; na wɔrentumi ntutu. 2Wʼahengua tim hɔ fi tete; na wowɔ hɔ fi mmeresanten. 3Awurade, po ama wɔn ho so, po ama wɔn nne so; po ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ dennen no so.
4Nea ɔwɔ tumi sen nsu akɛse mmubomu, nea ɔwɔ tumi sen po nworoso, Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ ɔkɛse. 5Awurade, wo nhyehyɛe gyina hɔ pintinn; kronkronyɛ hyɛ wo fi anuonyam daa nyinaa.
¡Copiado!
Aa