Salmos 54
Dios es mi ayudador
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no bere a Sififo kɔka kyerɛɛ Saulo se, “Dawid abehintaw wɔ yɛn mu.” Ao, Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi bu me bem. 2Ao, Onyankopɔn, tie me mpaebɔ; tie mʼanom nsɛm. 3Ahɔho retow ahyɛ me so. Atirimɔdenfo rehwehwɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.
4Ampa ara, Onyankopɔn ne me boafo; Awurade ne me hwɛfo. 5Ma mmusu nkyim mmra wɔn a wodi me ho nseku no so; wo nokwaredi mu, sɛe wɔn. 6Mefi me pɛ mu abɔ afɔre ama wo; Awurade, meyi wo din ayɛ, efisɛ eye.
7Woagye me afi me haw nyinaa mu, na mʼani ahu nkonimdi wɔ mʼatamfo so. Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔde sanku na ɛto.
¡Copiado!
Aa