Salmos 17

Guárdame como a la niña de tus ojos

Dawid Mpaebɔ. Awurade, tie me trenee abisade; tie me sufrɛ. Yɛ aso ma me mpaebɔ; nea emfi nnaadaa anofafa mu. 2Ma me bembu mfi wo; ma wʼani nhu nea ɛyɛ pɛ. 3Wopɛɛpɛɛ me koma mu, wohwehwɛ me mu anadwo, na wosɔ me hwɛ de, nanso wubehu sɛ minsusuw bɔne bi ɛ; mʼano nkaa bɔne bi ɛ.

4Nnipa nneyɛe fam no, anom asɛm nti matwe me ho afi basabasayɛfo akwan ho. 5Menam wʼakwan so daa; me nan nhintiw ɛ. 6Misu mefrɛ wo, Onyankopɔn na wubegye me so; yɛ aso ma me na tie me mpaebɔ.

7Da wo dɔ nwonwaso no adi; wo a wode wo nsa nifa gye wɔn a wɔde wɔn ho to wo so no nkwa fi wɔn atamfo nsam no. 8Hwɛ me so sɛ obi a wodɔ no; fa me sie wo ntaban nwini no ase, 9fi amumɔyɛfo a wɔretaataa me no nsam, mʼatamfo a wɔatwa me ho ahyia no.

10Wopirim wɔn koma, na wɔkasa ahantan so. 11Wɔadi me ntɛntɛ, afei wɔatwa me ho ahyia; wɔn ani abere sɛ wɔbɛbɔ me ahwe fam. 12Wɔte sɛ gyata a hanam ho kɔm de no, te sɛ gyata kɛse bi a wabutuw wɔ ahintawee.

13Sɔre, Awurade! Wone wɔn mfa mmɔ ani na ka wɔn hyɛ; fa wʼafoa no gye me fi amumɔyɛfo no nsam. 14Awurade, fa wo nsa gye me fi nnipa a wɔte sɛɛ nsam; asase so nnipa a wɔn akatua wɔ nkwa yi mu no. Womma ɔkɔm nne wɔn a wʼani ku wɔn ho; wɔn mmabarima wɔ bebree, na wɔkora agyapade ma wɔn mma. 15Na me trenee mu, mehu wʼanim; sɛ minyan na mihu wo a me koma bɛtɔ me yam. Wɔde ma dwonkyerɛfo.

¡Copiado!
Aa